2 Chronicles 21:10 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Edom ade ne ho a ɔnhyɛ Yuda ase de bɛsi ɛnnɛ. Saa ɛberɛ korɔ no ara mu, Libna kuro tee atua, ɛfiri sɛ, na Yehoram atwe ne ho afiri Awurade, nʼagyanom Onyankopɔn ho.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na Edom tee atua firii Yuda ase de bɛsi nnɛ. Ɛno na Libna nso tee atua berɛ no ara mu firii n’aseɛ, ɛfiri sɛ wagya AWURADE, n’agyanom Nyankopɔn no.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na Edom tee atua firii Yuda ase de bɛsi nnɛ. Ɛno na Libna nso tee atua berɛ no ara mu firii n’aseɛ, ɛfiri sɛ wagya AWURADE, n’agyanom Nyankopɔn no.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na Edom tew atua fii Yuda ase de besi nnɛ. Ɛno na Libna nso tew atua bere no ara mu fii n’ase, efisɛ wagyaw AWURADE n’agyanom Nyankopɔn no.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Edom ade ne ho a ɔnhyɛ Yuda ase de besi nnɛ. Saa bere koro no ara mu, Libna kurow tew atua, efisɛ na Yehoram atwe ne ho afi Awurade, nʼagyanom Nyankopɔn ho.