2 Chronicles 21:19 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Ɛberɛ no mu ara, mfeɛ mmienu akyi, yadeɛ no maa nʼayamdeɛ pueeɛ, na ɔwuu ɔyea mu. Ne nkurɔfoɔ ammɔ ogyatannaa kɛseɛ, amfa anhyɛ no animuonyam wɔ nʼayiyɛ mu sɛdeɛ wɔyɛ maa nʼagyanom no.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na yei kɔɔ so ara kɔsii sɛ, mfeɛ mmienu awieeɛ no, n’ayamdeɛ firii adie yadeɛ no ara mu, na ɔwuu yea kɛseɛ mu. Na ne man ansɔ ogya biara amma no sɛ n’agyanom deɛ no.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na yei kɔɔ so ara kɔsii sɛ, mfeɛ mmienu awieeɛ no, n’ayamdeɛ firii adie yadeɛ no ara mu, na ɔwuu yea kɛseɛ mu. Na ne man ansɔ ogya biara amma no sɛ n’agyanom deɛ no.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na eyi kɔɔ so ara kosii mfe abien awiei no, n’ayamde fii adi ɔyare no ara mu, na owui ɔyaw pii mu. Na ne man ansɔ gya bi anhyɛ no anuonyam sɛ wɔhyew maa n’agyanom no.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Akyiri no, mfe abien akyi, ɔyare no maa nʼayamde puei, na owui ɔyaw mu. Ne nkurɔfo ammɔ ogyatannaa kɛse, amfa anhyɛ no anuonyam wɔ nʼayiyɛ mu sɛnea wɔyɛ maa nʼagyanom no.