2 Chronicles 21:6 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Na Yehoram yɛɛ sɛdeɛ Israel ahemfo yɛeɛ. Na ɔyɛ otirimuɔdenfoɔ te sɛ ɔhene Ahab, ɛfiri sɛ, na waware Ahab mmammaa no mu baako. Enti Yehoram yɛɛ bɔne wɔ Awurade ani so.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na ɔnantee Israel ahemfo kwan so, sɛdeɛ Ahab fie yɛeɛ no, ɛfiri sɛ Ahab babaa yɛ ne yere, na ɔyɛɛ AWURADE ani so bɔne.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na ɔnantee Israel ahemfo kwan so, sɛdeɛ Ahab fie yɛeɛ no, ɛfiri sɛ Ahab babaa yɛ ne yere, na ɔyɛɛ AWURADE ani so bɔne.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na ɔnantew Israel ahene kwan so sɛnea Ahab fi yɛe no, efisɛ Ahab ba bɛyɛɛ ne yere, na ɔyɛɛ AWURADE ani so bɔne.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Na Yehoram yɛɛ sɛnea Israel ahemfo yɛe. Na ɔyɛ otirimɔdenfo te sɛ ɔhene Ahab, efisɛ na waware Ahab mmabea no mu baako. Enti Yehoram yɛɛ bɔne wɔ Awurade ani so.