2 Chronicles 21:7 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Nanso, na Awurade mpɛ sɛ ɔsɛe Dawid ahennie nnidisoɔ, ɛfiri sɛ, na ɔne Dawid ayɛ apam ahyɛ bɔ sɛ, nʼasefoɔ bɛkɔ so adi ɔhene afebɔɔ.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Nanso AWURADE ampɛ sɛ ɔsɛe Dawid fie no, apam a ɔne Dawid pameeɛ no nti, ne sɛ ɔkaa sɛ: Ɔbɛma no ne ne mma nso kanea nna nyinaa no.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Nanso AWURADE ampɛ sɛ ɔsɛe Dawid fie no, apam a ɔne Dawid pameeɛ no nti, ne sɛ ɔkaa sɛ: Ɔbɛma no ne ne mma nso kanea nna nyinaa no.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Nanso AWURADE ampɛ sɛ ɔsɛe Dawid fi no, apam a ɔne Dawid pamee no nti, ne sɛ ɔkae sɛ: Ɔbɛma no ne ne mma nso kanea nna nyinaa no.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Nanso na Awurade mpɛ sɛ ɔsɛe Dawid ahenni nnidiso no, efisɛ na ɔne Dawid ayɛ apam ahyɛ bɔ sɛ, nʼasefo bɛkɔ so adi hene afebɔɔ.