2 Chronicles 22:11 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Nanso, Ahasia nuabaa Yehoseba, a na ɔyɛ ɔhene Yehoram babaa, faa Ahasia babarima abadomaa Yoas firii ɔhene no mma a aka a wɔrebɛkum wɔn no mu. Ɔde Yoas ne onipa a ɔhwɛ no no kɔsiee pia bi mu. Yei ne ɛkwan a ɔsɔfoɔ Yehoiada yere Yehoseba faa so de abɔfra no sieeɛ, sɛdeɛ ɛbɛyɛ na Atalia nnya no nkum no.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na ɔhene babaa Yehosabat faa Ahasia ba Yoas, na ɔwiaa no firii ɔhene mma a wɔreku wɔn no mu, na ɔde no ne ne ɔbagyegyefoɔ hyɛɛ pia mu. Na sɛ Ɔhene Yehoram babaa Yehosabat a ɔyɛ Ɔsɔfoɔ Yehoiada yere no yɛ Ahasia nuabaa nti, ɔde no hunta firii Atalia anim, na wanku no.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na ɔhene babaa Yehosabat faa Ahasia ba Yoas, na ɔwiaa no firii ɔhene mma a wɔreku wɔn no mu, na ɔde no ne ne ɔbagyegyefoɔ hyɛɛ pia mu. Na sɛ Ɔhene Yehoram babaa Yehosabat a ɔyɛ Ɔsɔfoɔ Yehoiada yere no yɛ Ahasia nuabaa nti, ɔde no hunta firii Atalia anim, na wanku no.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na ɔhene babea Yehosabat faa Ahasia ba Yoas, na owiaa no fii ɔhene mma a wɔrekum wɔn no mu, na ɔde no ne ne gyigyefo hyɛɛ pia mu. Na sɛ ɔhene Yehoram babea Yehosabat a ɔyɛ ɔsɔfo Yehoiada yere no yɛ Ahasia nuabea nti, ɔde no hintaw fii Atalia anim na wankum no.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Nanso Ahasia nuabea Yehoseba, a na ɔyɛ ɔhene Yehoram babea, faa Ahasia babarima akokoaa Yoas fii ɔhene no mma a wɔaka a wɔrebekum wɔn no mu. Ɔde Yoas ne onipa a ɔhwɛ no no kosiee pia bi mu. Eyi ne ɔkwan a ɔsɔfo Yehoiada yere Yehoseba faa so de abofra no siei, sɛnea ɛbɛyɛ na Atalia rennya no nkum no.