2 Chronicles 22:6 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Yoram sane kɔɔ Yesreel kɔsaa nʼapirakuro no, na Yudahene Ahasia kɔɔ Yesreel kɔsraa no.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na ɔsanee sɛ ɔrekɔsa ne ho yadeɛ Yesreel afiri pira a ɔne Siriahene Hasael reko no, wɔpirapiraa no Rama no mu. Na Yudahene Yehoram ba Asaria siane kɔɔ sɛ ɔrekɔhwɛ Ahab ba Yehoram Yesreel, ɛfiri sɛ na ɔyare.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na ɔsanee sɛ ɔrekɔsa ne ho yadeɛ Yesreel afiri pira a ɔne Siriahene Hasael reko no, wɔpirapiraa no Rama no mu. Na Yudahene Yehoram ba Asaria siane kɔɔ sɛ ɔrekɔhwɛ Ahab ba Yehoram Yesreel, ɛfiri sɛ na ɔyare.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na ɔsanee sɛ ɔkɔsa ne ho yare Yesreel afi opira a ɔne Siria hene Hasael reko no, wopirapiraa no Rama no mu. Na Yuda hene Yehoram ba Asaria sian kɔe sɛ ɔrekɔhwɛ Ahab ba Yehoram Yesreel, efisɛ ɔyare.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Yoram san kɔɔ Yesreel kɔsaa nʼapirakuru no, na Yudahene Ahasia kɔɔ Yesreel kɔsraa no.