2 Chronicles 22:7 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Na yei danee mfomsoɔ kɛseɛ, ɛfiri sɛ, na Onyankopɔn ayɛ nʼadwene sɛ, ɔbɛtwe Ahasia aso. Saa nsrahwɛ yi mu na Ahasia ne Yoram kɔhyiaa Nimsi babarima Yehu, a na Awurade ayi no sɛ ɔntwa Ahab fie adedie ntoatoasoɔ no so.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na Onyankopɔn na ɔde asiane bɛsianee Ahasia sɛ ɔnkɔ Yehoram nkyɛn. Na ɔduruiɛ no, ɔne Yehoram fie kɔhyiaa Nimsi ba Yehu a AWURADE asra no sɛ ɔnsɛe Ahab fie.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na Onyankopɔn na ɔde asiane bɛsianee Ahasia sɛ ɔnkɔ Yehoram nkyɛn. Na ɔduruiɛ no, ɔne Yehoram fie kɔhyiaa Nimsi ba Yehu a AWURADE asra no sɛ ɔnsɛe Ahab fie.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na Onyankopɔn na ɔde asiane besianee Ahasia sɛ ɔnkɔ Yehoram nkyɛn. Na odui no, ɔne Yehoram fi kohyiaa Nimsi ba Yehu a AWURADE asra no sɛ ɔnsɛe Ahab fi.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Na eyi dan mfomso kɛse, efisɛ na Onyankopɔn ayɛ nʼadwene sɛ ɔbɛtwe Ahasia aso. Saa nsrahwɛ yi mu na Ahasia ne Yoram kohyiaa Nimsi babarima Yehu, a na Onyankopɔn ayi no sɛ ontwa Ahab fi adedi ntoatoaso no so.