2 Chronicles 22:9 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Afei, Yehu mmarima hwehwɛɛ Ahasia, na wɔkɔhunuu no sɛ wakɔtɛ Samaria kuropɔn no mu. Wɔde no brɛɛ Yehu, na ɔkumm no. Wɔsiee Ahasia maa ɛyɛɛ fɛ, ɛfiri sɛ, nnipa dii ne ho adanseɛ sɛ, “Ɔyɛ Yehosafat a ɔde nʼakoma nyinaa hwehwɛɛ Awurade no nana.” Ahasia abusua mu nnipa a wɔkaa akyire no mu biara amfata sɛ ɔdi ahennie no so.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na ɔkɔhwehwɛɛ Ahasia, na wɔkyeree no, na ɔno deɛ, na ɔde ne ho ahunta Samaria. Na wɔde no brɛɛ Yehu, na wɔkumm no. Na wɔsiee no, na wɔkaa sɛ: Yehosafat a ɔde n’akoma nyinaa hwehwɛɛ AWURADE no ba ne no. Na obiara nni Ahasia fie bio a ɔbɛnya ahennie no ho ahoɔden.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na ɔkɔhwehwɛɛ Ahasia, na wɔkyeree no, na ɔno deɛ, na ɔde ne ho ahunta Samaria. Na wɔde no brɛɛ Yehu, na wɔkumm no. Na wɔsiee no, na wɔkaa sɛ: Yehosafat a ɔde n’akoma nyinaa hwehwɛɛ AWURADE no ba ne no. Na obiara nni Ahasia fie bio a ɔbɛnya ahennie no ho ahoɔden.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na ɔkɔhwehwɛɛ Ahasia, na wɔkyeree no, na ɔno de, ɔde ne ho ahintaw Samaria. Na wɔde no brɛɛ Yehu, na wokum no. Na wosiee no, na wɔkae sɛ: Yehosafat a ɔde ne koma nyinaa hwehwɛɛ AWURADE no ba ne no. Na obi nni Ahasia fi bio a obenya ahenni no ho ahoɔden.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Afei, Yehu mmarima hwehwɛɛ Ahasia, na wokohuu no sɛ wakɔtɛw Samaria kuropɔn no mu. Wɔde no brɛɛ Yehu ma okum no. Wosiee Ahasia ma ɛyɛɛ fɛ, efisɛ nnipa dii ne ho adanse se, “Ɔyɛ Yehosafat a ɔde ne koma nyinaa hwehwɛɛ Awurade no nena.” Na Ahasia abusua mu nnipa a wɔkaa akyi no mu biara amfata sɛ ɔbɛtoa ahenni no so.