2 Chronicles 23:3 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Wɔn nyinaa hyiaa wɔ Onyankopɔn Asɔredan mu ne ɔhenberanteɛ Yoas yɛɛ apam. Yehoiada ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Ɛberɛ aduru sɛ ɔhene babarima di adeɛ. Awurade ahyɛ bɔ sɛ, Dawid aseni na ɔbɛyɛ yɛn ɔhene.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na badwa no nyinaa ne ɔhene pamm wɔ Nyankopɔn fie. Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Hwɛ, ɔhene ba no na ɔbɛdi hene, sɛdeɛ AWURADE aka no Dawid mma ho no.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na badwa no nyinaa ne ɔhene pamm wɔ Nyankopɔn fie. Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Hwɛ, ɔhene ba no na ɔbɛdi hene, sɛdeɛ AWURADE aka no Dawid mma ho no.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na bagua no nyinaa ne ɔhene pamee Onyankopɔn fi. Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Hwɛ, ɔhene ba no na obedi hene, sɛnea AWURADE aka Dawid mma ho no.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Wɔn nyinaa hyiaa wɔ Onyankopɔn Asɔredan mu ne ɔhenberante Yoas yɛɛ apam. Yehoiada ka kyerɛɛ wɔn se, “Bere adu sɛ ɔhene babarima di ade. Awurade ahyɛ bɔ sɛ, Dawid aseni na ɔbɛyɛ yɛn hene.