2 Chronicles 23:6 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Monkae sɛ, asɔfoɔ ne Lewifoɔ a wɔwɔ wɔn nnwuma so nko ara na ɛsɛ sɛ wɔhyɛne Awurade Asɔredan no mu, ɛfiri sɛ, wɔn na wɔayi wɔn asi hɔ sɛ wɔyɛ kronkron. Ɛsɛ sɛ nnipa a aka no di Awurade mmara so, na wɔtenatena afikyire.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na obiara nnhyɛne AWURADE fie gye asɔfoɔ ne Lewifoɔ mu wɔn a wɔsom no, wɔn na wɔnhyɛne mu, ɛfiri sɛ wɔyɛ kronkron, na ɔman no nyinaa nhwɛ AWURADE ahyɛdeɛ no.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na obiara nnhyɛne AWURADE fie gye asɔfoɔ ne Lewifoɔ mu wɔn a wɔsom no, wɔn na wɔnhyɛne mu, ɛfiri sɛ wɔyɛ kronkron, na ɔman no nyinaa nhwɛ AWURADE ahyɛdeɛ no.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na obi nnhyɛn AWURADE fi gye asɔfo ne Lewifo mu wɔn a wɔsom no, wɔn na wɔnhyɛn mu, efisɛ wɔyɛ kronkron, na ɔman no nyinaa nhwɛ AWURADE ahwɛde no.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Monkae sɛ, asɔfo ne Lewifo a wɔwɔ wɔn nnwuma so nko ara na ɛsɛ sɛ wɔhyɛn Awurade Asɔredan no mu, efisɛ wɔn na wɔayi wɔn asi hɔ sɛ wɔyɛ kronkron. Ɛsɛ sɛ nnipa a wɔaka no di Awurade mmara so, na wɔtenatena afikyiri.