2 Chronicles 24:14 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Wɔwiee nsiesie no, wɔde sika no nkaeɛ brɛɛ ɔhene no ne Yehoiada. Wɔde yɛɛ nneɛma ahodoɔ a wɔde bi som, de bi bɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ a nkwankoraa ne atam ahodoɔ a wɔde sikakɔkɔɔ ne dwetɛ ayɛ nso ka ho. Na wɔde kɔguu Awurade asɔredan no mu. Ɛberɛ a na ɔsɔfoɔ Yehoiada te ase no, na wɔtaa bɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ wɔ Awurade Asɔredan mu hɔ.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na wɔwieeɛ no, wɔde sika no nkaeɛ baa ɔhene ne Yehoiada anim, na wɔde yɛɛ nnoɔma maa AWURADE fie, ɔsom ne ɔhyeɛ afɔdeɛ no ho nnoɔma ne nkoraa ne sika ne dwetɛ nnoɔma no. Na wɔbɔɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ AWURADE fie daa daa Yehoiada berɛ so nyinaa.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na wɔwieeɛ no, wɔde sika no nkaeɛ baa ɔhene ne Yehoiada anim, na wɔde yɛɛ nnoɔma maa AWURADE fie, ɔsom ne ɔhyeɛ afɔdeɛ no ho nnoɔma ne nkoraa ne sika ne dwetɛ nnoɔma no. Na wɔbɔɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ AWURADE fie daa daa Yehoiada berɛ so nyinaa.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na wowiei no, wɔde sika no nkae baa ɔhene ne Yehoiada anim, na wɔde yeyɛɛ nneɛma maa AWURADE fi, ɔsom ne ɔhyew afɔre no ho nneɛma ne nkora ne sika ne dwetɛ nneɛma no. Na wɔbɔɔ ɔhyew afɔre AWURADE fi daa, Yehoiada bere no so nyinaa.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Wowiee asiesie no, wɔde sika no nkae brɛɛ ɔhene no ne Yehoiada. Wɔde yɛɛ nneɛma ahorow a wɔde bi som, de bi bɔ ɔhyew afɔre a nkwankora ne hweaseammɔ ahorow a wɔde sikakɔkɔɔ ne dwetɛ ayɛ nso ka ho. Na wɔde koguu Awurade asɔredan no mu. Bere a na ɔsɔfo Yehoiada te ase no, na wɔtaa bɔ ɔhyew afɔre wɔ Awurade Asɔredan mu hɔ.