2 Chronicles 24:20 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Afei, Onyankopɔn Honhom baa ɔsɔfoɔ Yehoiada babarima Sakaria so. Ɔgyinaa nnipa no anim kaa sɛ, “Sɛdeɛ Onyankopɔn seɛ nie: Adɛn enti na monni Awurade ahyɛdeɛ so? Morennya nkɔsoɔ ɛfiri sɛ, moagya Awurade ama ɔno nso agya mo!”
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na Nyankopɔn honhom baa Ɔsɔfoɔ Yehoiada ba Sakaria so, na ɔkɔgyinaa soro ɔman no anim ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Sɛ Onyankopɔn seɛ nie: Adɛn nti na moto AWURADE mmara nsɛm? Na ɛrensi mo yie. Sɛ moagya AWURADE yi, ɔno nso agya mo.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na Nyankopɔn honhom baa Ɔsɔfoɔ Yehoiada ba Sakaria so, na ɔkɔgyinaa soro ɔman no anim ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Sɛ Onyankopɔn seɛ nie: Adɛn nti na moto AWURADE mmara nsɛm? Na ɛrensi mo yie. Sɛ moagya AWURADE yi, ɔno nso agya mo.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na Onyankopɔn honhom baa ɔsɔfo Yehoiada ba Sakaria so, na okogyinaa soro ɔman no anim ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Sɛ Onyankopɔn se ni: Ɛdɛn nti na moto AWURADE mmara nsɛm? Na ɛrensi mo yiye. Sɛ moagyaw AWURADE yi, ɔno nso agyaw mo.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Afei, Onyankopɔn Honhom baa ɔsɔfo Yehoiada babarima Sakaria so. Ogyinaa nnipa no anim kae se, “Sɛnea Onyankopɔn se ni: Adɛn nti na munni Awurade ahyɛde so? Morennya nkɔso, efisɛ moagyaw Awurade ama ɔno nso agyaw mo!”