2 Chronicles 24:9 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Enti, wɔde too Yudafoɔ ne Yerusalemfoɔ anim sɛ, wɔmfa ɛtoɔ a Mose, Onyankopɔn ɔsomfoɔ gyegyee Israelfoɔ wɔ ɛserɛ so no mmrɛ Awurade.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
na wɔpaee no Yuda ne Yerusalem sɛ wɔmfa Nyankopɔn akoa Mose toɔ a ɔde too Israel so wɔ ɛserɛ so no mmrɛ AWURADE.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
na wɔpaee no Yuda ne Yerusalem sɛ wɔmfa Nyankopɔn akoa Mose toɔ a ɔde too Israel so wɔ ɛserɛ so no mmrɛ AWURADE.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
na wɔpaee Yuda ne Yerusalem sɛ wɔmfa Onyankopɔn akoa Mose tow a ɔde too Israel so, sare so no, mmrɛ AWURADE.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Enti wɔde too Yuda ne Yerusalemman anim sɛ, wɔmfa tow a Mose, Onyankopɔn somfo gyigyee Israelfo wɔ sare so no mmrɛ Awurade.