2 Chronicles 25:10 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Enti, Amasia pɔnn akodɔm a ɔbɔɔ wɔn paa no, maa wɔsane kɔɔ Efraim. Yei maa wɔn bo fuu Yuda, na wɔsane de abufuhyeɛ kɔɔ efie.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na Amasia paee no asafo a wɔfiri Efraim baa ne nkyɛn no mu sɛ wɔnkɔ wɔn tenabea; na wɔn bo fuu Yuda sɛ, na wɔde abufuhyeɛ sane kɔɔ wɔn tenabea.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na Amasia paee no asafo a wɔfiri Efraim baa ne nkyɛn no mu sɛ wɔnkɔ wɔn tenabea; na wɔn bo fuu Yuda sɛ, na wɔde abufuhyeɛ sane kɔɔ wɔn tenabea.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na Amasia paee asafo a wofi Efraim baa ne nkyɛn no mu sɛ wɔnkokɔ wɔn tenabea. Na wɔn bo fuw Yuda sɛ, na wɔde abufuhyew san kokɔɔ wɔn tenabea.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Enti Amasia pɔn asraafo a ɔbɔɔ wɔn paa no ma wɔsan kɔɔ Efraim. Eyi maa wɔn bo fuw Yuda, na wɔsan de abufuwhyew kɔɔ fie.