2 Chronicles 25:12 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Wɔkyekyeree ɔpedu bio de wɔn kɔɔ abotan tenten bi atifi, kɔsunsumm wɔn ma wɔbɛhwee abotan a ɛwɔ bepɔ no ase no so, tetee pasapasa.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na wɔn mu nnipa mpemdu nso, Yudafoɔ no faa wɔn nnommum animono so, na wɔde wɔn kɔɔ ɔbotan bi atifi, na wɔtotoo wɔn firii ɔbotan no atifi hwehwee fam maa wɔn nyinaa mu paepaee.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na wɔn mu nnipa mpemdu nso, Yudafoɔ no faa wɔn nnommum animono so, na wɔde wɔn kɔɔ ɔbotan bi atifi, na wɔtotoo wɔn firii ɔbotan no atifi hwehwee fam maa wɔn nyinaa mu paepaee.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na wɔn mu nnipa ɔpedu nso, Yudafo no faa wɔn nnommum animono, na wɔde wɔn kɔɔ ɔbotan bi atifi, na wɔtotow wɔn fii ɔbotan no atifi hwehwee fam maa wɔn nyinaa mu paepaee.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Wɔkyekyeree mpem du bio de wɔn kɔɔ abotan tenten bi atifi, kosunsum wɔn ma wɔbɛhwee abotan a ɛwɔ bepɔw no ase no so, tetew pasapasa.