2 Chronicles 25:15 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Yei hyɛɛ Awurade abufuo yie enti, ɔsomaa odiyifoɔ sɛ ɔnkɔbisa sɛ, “Adɛn enti na wosom anyame a mpo wɔntumi nnye wɔn ankasa nkurɔfoɔ nkwa mfiri wɔn nsam?”
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Ɛnna AWURADE abufuo sɔre tiaa Amasia, na ɔsomaa odiyifoɔ bi baa ne nkyɛn bɛbisaa no sɛ: Adɛn nti na woahwehwɛ ɔman bi anyame a wɔantumi annye wɔn man amfiri wo nsam no?
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Ɛnna AWURADE abufuo sɔre tiaa Amasia, na ɔsomaa odiyifoɔ bi baa ne nkyɛn bɛbisaa no sɛ: Adɛn nti na woahwehwɛ ɔman bi anyame a wɔantumi annye wɔn man amfiri wo nsam no?
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Ɛnna AWURADE abufuw sɔre hyɛɛ Amasia, na ɔsomaa odiyifo bi baa ne nkyɛn bɛka kyerɛɛ no sɛ: Ɛdɛn nti na woahwehwɛ ɔman bi anyame a wɔantumi annye wɔn man amfi wo nsam no?
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Eyi hyɛɛ Awurade abufuw yiye nti, ɔsomaa odiyifo sɛ onkobisa se, “Adɛn nti na wosom anyame a mpo wontumi nnye wɔn ankasa nkurɔfo nkwa mfi wo nsam?”