2 Chronicles 25:19 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Nokorɛm, woadi Edom so nkonim, ama woayɛ ahantan. Ma wʼani nsɔ wo nkonimdie no, na tena wo fie. Adɛn enti na wopere wo ho kɔ ɔhaw a ɛde amanehunu bɛba wo ne Yudafoɔ nyinaa so yi?”
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Wose: Hwɛ, woakum Edom, na w’ahoahoa wo ho sɛ worehwehwɛ animuonyam. Afei tena wo fie. Adɛn nti na wo ne mmusuo rebɛdi aperepereɛ na woahwe aseɛ, wo ne Yuda nyinaa?
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Wose: Hwɛ, woakum Edom, na w’ahoahoa wo ho sɛ worehwehwɛ animuonyam. Afei tena wo fie. Adɛn nti na wo ne mmusuo rebɛdi aperepereɛ na woahwe aseɛ, wo ne Yuda nyinaa?
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Wuse: Hwɛ, woakum Edom, na wo koma ama wo so sɛ worehwehwɛ anuonyam. Afei tena wo fi. Ɛdɛn nti na wo ne mmusu rebedi aperepere na woahwe ase, wo ne Yuda nyinaa?
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Nokware woadi Edom so nkonim, ama woayɛ ahantan. Ma wʼani nsɔ wo nkonimdi no, na tena wo fi. Adɛn nti na wopere wo ho kɔ ɔhaw a ɛde amanehunu bɛba wo ne Yudafo nyinaa so yi?”