2 Chronicles 25:9 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Amasia bisaa Onyankopɔn onipa no sɛ, “Na dwetɛ a metua kɔbɔɔ Israel akodɔm paa no nso menyɛ no ɛdeɛn?” Onyankopɔn onipa no buaa sɛ, “ Awurade bɛtumi ama wo deɛ ɛsene sei koraa.”
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Ɛnna Amasia bisaa Nyankopɔn nipa no sɛ: Na ɛdeɛn na yɛnyɛ dwetikɛseɛ ɔha a mede ama Israel asafo no? Na Nyankopɔn nipa no se: Ɛwɔ AWURADE nsam sɛ ɔbɛma wo adeɛ pii asene yei.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Ɛnna Amasia bisaa Nyankopɔn nipa no sɛ: Na ɛdeɛn na yɛnyɛ dwetikɛseɛ ɔha a mede ama Israel asafo no? Na Nyankopɔn nipa no se: Ɛwɔ AWURADE nsam sɛ ɔbɛma wo adeɛ pii asene yei.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Ɛnna Amasia ka kyerɛɛ Onyankopɔn nipa no sɛ: Na ɛdɛn na wɔnyɛ dwetikɛse ɔha a mede mama Israel asafo no? Na Onyankopɔn nipa no se: Ɛwɔ AWURADE nsam sɛ ɔbɛma wo ade pii asen eyi.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Amasia bisaa Onyankopɔn nipa no se, “Na dwetɛ a mitua kɔbɔɔ Israel asraafo paa no nso menyɛ no dɛn?” Onyankopɔn nipa no buae se, “ Awurade betumi ama wo nea ɛsen sɛɛ koraa.”