2 Chronicles 26:15 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Afei, abenfoɔ bi yɛɛ mfidie de sisii Yerusalem afasuo no so a ɛto agyan ne aboɔ firi abantenten no so ne ɔfasuo twɛtwɛwa so. Nʼanimuonyam hyetaeɛ, ɛfiri sɛ, Awurade boaa no yie kɔsii sɛ ɔnyaa tumi kɛseɛ.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na ɔyɛɛ adetoɔ mfidie a ɛyɛ adwumfoɔ adwini wɔ Yerusalem, sɛ ɛnsisi aban atentene so ne afasuo ntweaso, na wɔmfa ntoto agyan ne aboɔ akɛseɛ. Na ne din tahye kɔɔ akyirikyiri pa ara, na ɔnyaa mmoa a ɛyɛ nwanwa kɔsii sɛ ne ho yɛɛ den.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na ɔyɛɛ adetoɔ mfidie a ɛyɛ adwumfoɔ adwini wɔ Yerusalem, sɛ ɛnsisi aban atentene so ne afasuo ntweaso, na wɔmfa ntoto agyan ne aboɔ akɛseɛ. Na ne din hyeta kɔɔ akyirikyiri pa ara, na ɔnyaa mmoa a ɛyɛ nwanwa kɔsii sɛ ne ho yɛɛ den.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na ɔyɛɛ adetow afiri a ɛyɛ adwumfo adwinni Yerusalem, sɛ ensisi aban atenten so ne afasu twea so, na wɔmfa ntotow agyan ne abo akɛse. Na ne din hyetae kɔɔ akyirikyiri pa ara, na onyaa ɔboa a ɛyɛ nwonwa kosii sɛ ne ho yɛɛ den.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Afei, abenfo bi yɛɛ mfi de sisii Yerusalem afasu no so a ɛtow agyan ne abo fi abantenten no so ne fasu twɔtwɔw so. Nʼanuonyam hyetae, efisɛ Awurade boaa no yiye kosii sɛ onyaa tumi kɛse.