2 Chronicles 26:18 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Wɔka sii ɔhene Usia anim sɛ, “Ɛnyɛ wo Usia na ɛsɛ sɛ wohye nnuhwam ma Awurade. Ɛyɛ asɔfoɔ nko ara, Aaron mmammarima a, wɔayi wɔn asi hɔ ama saa dwumadie no nko ara adwuma. Firi kronkronbea ha kɔ, ɛfiri sɛ, woayɛ bɔne. Onyankopɔn renhyɛ wo animuonyam wɔ yei ho.”
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na wɔkɔgyinae ne Ɔhene Usia dii asie, na wɔka kyerɛɛ no sɛ: Usia, ɛnyɛ wo deɛ sɛ wobɛhye aduhwam ama AWURADE, na ɛyɛ asɔfoɔ, Aaron mma a wɔayɛ wɔn kronkron sɛ wɔnhye aduhwam no dea. Firi adi firi kronkronbea ha yi, na woafom, na w’anim nyɛ nyam AWURADE Nyankopɔn anim.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na wɔkɔgyinae ne Ɔhene Usia dii asie, na wɔka kyerɛɛ no sɛ: Usia, ɛnyɛ wo deɛ sɛ wobɛhye aduhwam ama AWURADE, na ɛyɛ asɔfoɔ, Aaron mma a wɔayɛ wɔn kronkron sɛ wɔnhye aduhwam no dea. Firi adi firi kronkronbea ha yi, na woafom, na w’anim nyɛ nyam AWURADE Nyankopɔn anim.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na wokogyinae ne ɔhene Usia dii asi, na wɔka kyerɛɛ no sɛ: Usia, ɛnyɛ wo de sɛ wobɛhyew aduhuam ama AWURADE, na ɛyɛ asɔfo, Aaron mma a wɔayɛ wɔn kronkron sɛ wɔnhyew aduhuam no dea. Fi adi fi kronkronbea ha yi, na woafom, na w’anim nyɛ nyam AWURADE Nyankopɔn anim.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Wɔka sii ɔhene Usia anim se, “Ɛnyɛ wo Usia na ɛsɛ sɛ wohyew nnuhuam ma Awurade. Ɛyɛ asɔfo nko ara, Aaron mmabarima a, wɔayi wɔn asi hɔ ama saa dwumadi no nko ara adwuma. Fi kronkronbea ha kɔ, efisɛ woayɛ bɔne. Onyankopɔn renhyɛ wo anuonyam wɔ eyi ho.”