2 Chronicles 26:9 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Usia sisii ɔwɛn abantenten wɔ Yerusalem wɔ Twɛtwɛwa Ɛpono ano, Bɔnhwa Ɛpono ano ne ɔfasuo no ntwea mu no so.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na Usia totoo aban atentene wɔ Yerusalem, ntweaso pono no so, ne bonhwa pono no so ne emu fam ntweaso no so, na ɔhyehyɛɛ no den.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na Usia totoo aban atentene wɔ Yerusalem, ntweaso pono no so, ne bonhwa pono no so ne emu fam ntweaso no so, na ɔhyehyɛɛ no den.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na Usia totoo aban atenten Yerusalem, twea pon no so ne obon pon no so ne emu fam twea no so, na ɔhyehyɛɛ no den.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Usia sisii ɔwɛn abantenten wɔ Yerusalem wɔ Twɔtwɔw Pon ano, Obon Pon ano ne ɔfasu no ntwea mu no.