2 Chronicles 28:15 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Afei, nnipa baanan a wɔbobɔɔ wɔn din no baa anim, bɛkyekyɛɛ ntadeɛ a ɛwɔ asadeɛ no mu no maa nneduafoɔ a wɔda adagya no. Wɔmaa wɔn ntadeɛ ne mpaboa sɛ wɔnhyɛ ne nnuane pii ne nsuo, de ngo guguu wɔn apirakuro mu. Wɔde wɔn a wɔyɛ mmrɛ no tenatenaa mfunumu so, de nneduafoɔ no nyinaa sane baa wɔn asase Yeriko, mmɛkuro, no so. Afei, wɔsane kɔɔ Samaria.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na mmarima a wɔabobɔ wɔn din no sɔresɔree, na wɔsosɔɔ nnommum no nsa, na wɔn mu wɔn a wɔdeda adagya no, wɔde asadeɛ no mu ntoma bi firafiraa wɔn, na wɔhyehyɛɛ wɔn ntadeɛ ne mpaboa, na wɔmaa wɔn aduane dii, ne nsuo nomee, na wɔsrasraa wɔn, na wɔde wɔn a wɔntumi nnanteɛ nyinaa tenatenaa mfunumu so, na wɔde wɔn baa Yeriko, mmɛ kuro no mu wɔn nuanom nkyɛn. Na wɔsane kɔɔ Samaria.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na mmarima a wɔabobɔ wɔn din no sɔresɔree, na wɔsosɔɔ nnommum no nsa, na wɔn mu wɔn a wɔdeda adagya no, wɔde asadeɛ no mu ntoma bi firafiraa wɔn, na wɔhyehyɛɛ wɔn ntadeɛ ne mpaboa, na wɔmaa wɔn aduane dii, ne nsuo nomee, na wɔsrasraa wɔn, na wɔde wɔn a wɔntumi nnanteɛ nyinaa tenatenaa mfunumu so, na wɔde wɔn baa Yeriko, mmɛ kuro no mu wɔn nuanom nkyɛn. Na wɔsane kɔɔ Samaria.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na mmarima a wɔabobɔ wɔn din no sɔresɔree, na wosusoo nnommum no nsa, na wɔn mu wɔn a wɔdeda adagyaw no, wɔde asade no mu atam bi furafuraa wɔn, na wɔhyehyɛɛ wɔn ntade ne mpaboa, na wɔmomaa wɔn aduan dii, ne nsu nomee, na wɔsrasraa wɔn, na wɔde wɔn a wontumi nnantew nyinaa tenatenaa mfurum so, na wɔde wɔn baa Yeriko, mmɛ kurow no mu wɔn nuanom nkyɛn; na wɔsan kɔɔ Samaria.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Afei, nnipa baanan a wɔbobɔɔ wɔn din no baa anim, bɛkyekyɛɛ ntade a ɛwɔ asade no mu no maa nneduafo a wɔda adagyaw no. Wɔmaa wɔn ntade ne mpaboa sɛ wɔnhyɛ ne nnuan pii ne nsu, de ngo guguu wɔn apirakuru mu. Wɔde wɔn a wɔayɛ mmerɛw no tenatenaa mfurum so, de nneduafo no nyinaa san baa wɔn asase Yeriko, mmɛkurow, no so. Afei, wɔsan kɔɔ Samaria.