2 Chronicles 28:25 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Ɔyɛɛ abosonsom asɔreeɛ wɔ Yuda nkuro nyinaa so a wɔbɔ afɔdeɛ wɔ hɔ ma anyame foforɔ no. Ɔnam saa ɛkwan yi so, hyɛɛ Awurade, nʼagyanom Onyankopɔn, abufuo.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na ɔyɛɛ sorɔnsorɔmmea Yuda nkuro nyinaa mu, sɛ wɔnhye aduhwam mma anyame foforɔ, na ɔhuruu AWURADE n’agyanom Nyankopɔn no bo.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na ɔyɛɛ sorɔnsorɔmmea Yuda nkuro nyinaa mu, sɛ wɔnhye aduhwam mma anyame foforɔ, na ɔhuruu AWURADE n’agyanom Nyankopɔn no bo.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na ɔyeyɛɛ sorɔnsorɔmmea Yuda nkurow nyinaa mu, sɛ wɔnhyew aduhuam mma anyame foforo, na ohuruu AWURADE, n’agyanom Nyankopɔn no, bo.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Ɔyɛɛ abosonsom nsɔree so wɔ Yuda nkurow nyinaa so a wɔbɔ afɔre wɔ hɔ ma anyame foforo no. Ɔnam saa ɔkwan yi so, hyɛɛ Awurade, nʼagyanom Nyankopɔn, abufuw.