2 Chronicles 28:8 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Israelfoɔ akodɔm kyekyeree mmaa ne Yuda mmɔfra ɔpehanu, faa asadeɛ bebree, de kɔɔ Samaria.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na Israelfoɔ no faa wɔn nuanom mu nnipa mpemahanu nnommum, mmaa, mmammarima ne mmammaa, na wɔfomm wɔn asadeɛ bebree fae, na wɔde asadeɛ no kɔɔ Samaria.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na Israelfoɔ no faa wɔn nuanom mu nnipa mpemahanu nnommum, mmaa, mmammarima ne mmammaa, na wɔfomm wɔn asadeɛ bebree fae, na wɔde asadeɛ no kɔɔ Samaria.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na Israelfo no faa wɔn nuanom mu nnipa ɔpehanu nnommum, mmea, mmammarima ne mmabea, na wɔfom wɔn asade bebree, na wɔde asade no kɔɔ Samaria.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Israelfo asraafo kyekyeree mmea ne Yuda mmofra mpem ahannu, faa asade bebree, de kɔɔ Samaria.