2 Chronicles 29:16 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Asɔfoɔ no kɔɔ Awurade Asɔredan kronkronbea hɔ, kɔdwiraa hɔ, na wɔfaa biribiara a ɛho agu fi a wɔhunuiɛ no firii hɔ de baa Asɔredan no adihɔ. Lewifoɔ no twee ne nyinaa firii hɔ, kɔto guu Kidron Bɔnhwa mu.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na asɔfoɔ no hyɛnee AWURADE fie no mu sɛ wɔrekɔpepa mu, na wɔyiyii fi a wɔhunuu no AWURADE fie no mu no nyinaa de baa AWURADE fie abannwa no so, na Lewifoɔ no sesa firii hɔ, na wɔkɔto guu Kidron subonhwa no mu.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na asɔfoɔ no hyɛnee AWURADE fie no mu sɛ wɔrekɔpepa mu, na wɔyiyii fi a wɔhunuu no AWURADE fie no mu no nyinaa de baa AWURADE fie abannwa no so, na Lewifoɔ no sesa firii hɔ, na wɔkɔto guu Kidron subonhwa no mu.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na asɔfo no hyɛn AWURADE fi no mu sɛ wɔrekɔpopa mu, na woyiyii fi a wohui AWURADE asɔredan no mu no nyinaa de baa AWURADE fi abangua no so, na Lewifo no sesaw fii hɔ, na wɔkɔtow guu Kidron subon no mu.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Asɔfo no kɔɔ Awurade Asɔredan kronkronbea hɔ, kodwiraa hɔ, na wɔfaa biribiara a ɛho agu fi a wohui no fii hɔ de baa Asɔredan no adiwo. Lewifo no twee ne nyinaa fii hɔ, kɔtow guu Kidron Bon mu.