2 Chronicles 29:25 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Afei, ɔhene Hesekia de Lewifoɔ no gyinagyinaa Awurade Asɔredan no mu. Ɔde kyankyan, mmɛnta ne asankuten maa wɔn. Ɔdii ahyɛdeɛ a Awurade nam Gad, a ɔyɛ ɔhene nhunumuni ne odiyifoɔ Natan so de maa Dawid no so.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na ɔde Lewifoɔ no gyinagyinaa AWURADE fie, na wɔkurakura nnawuro ne mmɛnta ne asankuten sɛdeɛ Dawid ne ɔhene no Ɔdehunufoɔ Gad ne Odiyifoɔ Natan hyɛeɛ no. Na AWURADE nam n’adiyifoɔ nsa so na ɔhyɛeɛ.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na ɔde Lewifoɔ no gyinagyinaa AWURADE fie, na wɔkurakura nnawuro ne mmɛnta ne asankuten sɛdeɛ Dawid ne ɔhene no Ɔdehunufoɔ Gad ne Odiyifoɔ Natan hyɛeɛ no. Na AWURADE nam n’adiyifoɔ nsa so na ɔhyɛeɛ.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na ɔde Lewifo no gyinagyinaa AWURADE fi, wokurakura nnawuru ne mmɛnta asanku ne asankuten sɛ Dawid ne ɔhene no dehwɛfo Gad ne odiyifo Natan hyɛe no; efisɛ AWURADE nam n’adiyifo so na ɔhyɛe.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Afei, ɔhene Hesekia de Lewifo no gyinagyinaa Awurade Asɔredan no mu. Ɔde kyɛnkyɛn, mmɛnta ne asankuten maa wɔn. Odii ahyɛde a Awurade nam Gad, a ɔyɛ ɔhene nhumuni ne odiyifo Natan so de maa Dawid no so.