2 Chronicles 29:30 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Ɔhene Hesekia ne ne mpanimfoɔ hyɛɛ Lewifoɔ no sɛ, wɔmfa Dawid nnwom ne nhunumuni Asaf deɛ, nkamfo Awurade. Enti, wɔde anigyeɛ kamfoo Awurade, na wɔkoto sɔreeɛ.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na Ɔhene Hesekia ne asafohene no ka kyerɛɛ Lewifoɔ no sɛ wɔmfa Dawid ne Ɔdehunufoɔ Asaf nsɛm nyi AWURADE ayɛ. Na wɔde anigyeɛ yii no ayɛ, na wɔbobɔɔ wɔn mu ase sɔree.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na Ɔhene Hesekia ne asafohene no ka kyerɛɛ Lewifoɔ no sɛ wɔmfa Dawid ne Ɔdehunufoɔ Asaf nsɛm nyi AWURADE ayɛ. Na wɔde anigyeɛ yii no ayɛ, na wɔbobɔɔ wɔn mu ase sɔree.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na ɔhene Hesekia ne mmapɔmma no ka kyerɛɛ Lewifo no sɛ wɔmfa Dawid ne ɔdehwɛfo Asaf nsɛm nyi AWURADE ayɛ. Na wɔde anigye yii no ayɛ, na wɔbobɔɔ wɔn mu ase sɔree.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Ɔhene Hesekia ne ne mpanyimfo hyɛɛ Lewifo no sɛ, wɔmfa Dawid nnwom ne nhumuni Asaf de, nkamfo Awurade. Enti, wɔde anigye kamfoo Awurade, na wɔkotow sɔree.