2 Chronicles 29:31 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Afei, Hesekia de too dwa sɛ, “Ɔsom no aba awieeɛ. Momfa mo afɔrebɔdeɛ ne mo aseda mmra Awurade Asɔredan mu.” Enti, ɔmanfoɔ no de wɔn afɔrebɔdeɛ ne wɔn aseda afɔrebɔdeɛ baeɛ, na wɔn a wɔpɛ no de ɔhyeɛ afɔrebɔdeɛ nso kaa ho.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na Hesekia kaa sɛ: Afei moadwira mo ho ama AWURADE, montwe mpini, na momfa okum afɔdeɛ ne aseda afɔdeɛ mmra AWURADE fie. Na badwa no de okum afɔdeɛ ne aseda afɔdeɛ bae, na obiara a ɔwɔ ayamyɛ akoma no de ɔhyeɛ afɔdeɛ bae.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na Hesekia kaa sɛ: Afei moadwira mo ho ama AWURADE, montwe mpini, na momfa okum afɔdeɛ ne aseda afɔdeɛ mmra AWURADE fie. Na badwa no de okum afɔdeɛ ne aseda afɔdeɛ bae, na obiara a ɔwɔ ayamyɛ akoma no de ɔhyeɛ afɔdeɛ bae.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na Hesekia buae sɛ: Afei moahyehyɛ mo nsa amaama ama AWURADE, muntwiw mmɛn, na momfa okum afɔre ne aseda afɔre mmra AWURADE fi. Na bagua no de okum afɔre ne aseda afɔre bae, na obiara a ɔwɔ ayamye koma no de ɔhyew afɔre bae.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Afei, Hesekia de too gua se, “Ɔsom no aba awiei. Momfa mo afɔrebɔde ne mo aseda mmra Awurade Asɔredan mu.” Enti ɔmanfo no de wɔn afɔrebɔde ne wɔn aseda afɔrebɔde bae, na wɔn a wɔpɛ no de ɔhyew afɔrebɔde nso kaa ho.