2 Chronicles 30:1 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Afei, ɔhene Hesekia de nkra kɔɔ Israel ne Yuda nyinaa, na ɔtwerɛɛ krataa too nsa de frɛɛ Efraim ne Manase. Ɔka kyerɛɛ obiara sɛ ɔmmra Awurade Asɔredan no mu wɔ Yerusalem, na wɔnni Awurade, Israel Onyankopɔn, Twam Afahyɛ no.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na Hesekia soma maa wɔkɔɔ Israel ne Yuda nyinaa so, na ɔtwerɛɛ nwoma nso kɔmaa Efraim ne Manase, sɛ wɔmmra AWURADE fie wɔ Yerusalem, na wɔmmɛdi Twam mma AWURADE Israel Nyankopɔn.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na Hesekia soma maa wɔkɔɔ Israel ne Yuda nyinaa so, na ɔtwerɛɛ nwoma nso kɔmaa Efraim ne Manase, sɛ wɔmmra AWURADE fie wɔ Yerusalem, na wɔmmɛdi Twam mma AWURADE Israel Nyankopɔn.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na Hesekia soma kɔɔ Israel ne Yuda nyinaa so, na ɔkyerɛw nhoma nso kɔmaa Efraim ne Manase, sɛ wɔmmra AWURADE fi Yerusalem, na wommedi Twam mma AWURADE Israel Nyankopɔn.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Ɔhene Hesekia de nkra kɔɔ Israel ne Yuda nyinaa, na ɔkyerɛw krataa too nsa de frɛɛ Efraim ne Manase. Ɔka kyerɛɛ obiara se ɔmmra Awurade Asɔredan no mu wɔ Yerusalem, na wonni Awurade, Israel Nyankopɔn, Twam Afahyɛ no.