2 Chronicles 30:10 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Abɔfoɔ no kyinii nkuro a ɛwɔ Efraim ne Manase kɔsi Sebulon so. Nanso, nnipa no mu bebree seree abɔfoɔ no, dii wɔn ho fɛw.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Ɛnna asomafoɔ no sene firii kuro mu kɔɔ kuro mu, Efraim ne Manase asase so de kɔsii Sebulon tɔnn. Na wɔsereseree wɔn na wɔdii wɔn ho fɛw.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Ɛnna asomafoɔ no sene firii kuro mu kɔɔ kuro mu, Efraim ne Manase asase so de kɔsii Sebulon tɔnn. Na wɔsereseree wɔn na wɔdii wɔn ho fɛw.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Ɛnna asomafo no, sen fii kurow mu kɔɔ kurow mu, Efraim ne Manase asase so de kosii Sebulon tɔnn. Na wɔsereserew wɔn na wodii wɔn ho fɛw.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Abɔfo no kyinii nkurow a ɛwɔ Efraim ne Manase kosi Sebulon so. Nanso nnipa no mu bebree serew abɔfo no, dii wɔn ho fɛw.