2 Chronicles 30:15 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Ɛda a wɔahyɛ wɔ bosome a ɛtɔ so mmienu no duruiɛ no, ɔmanfoɔ no kunkumm wɔn Twam Afahyɛ nnwammaa. Na asɔfoɔ no ne Lewifoɔ no ani wuiɛ enti, wɔdwiraa wɔn ho, na wɔde ɔhyeɛ afɔdeɛ baa Awurade Asɔredan mu.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Ɛnna wɔkumm Twam Dwan no bosome a ɛtɔ so mmienu no da a ɛtɔ so dunan no. Na asɔfoɔ no ne Lewifoɔ no ani wui, na wɔdwiraa wɔn ho, na wɔde ɔhyeɛ afɔdeɛ baa AWURADE fie.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Ɛnna wɔkumm Twam Dwan no bosome a ɛtɔ so mmienu no da a ɛtɔ so dunan no. Na asɔfoɔ no ne Lewifoɔ no ani wui, na wɔdwiraa wɔn ho, na wɔde ɔhyeɛ afɔdeɛ baa AWURADE fie.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Ɛnna wokunkum Twam guan no ɔsram a ɛto so abien no da a ɛto so dunan no. Na asɔfo no ne Lewifo no ani wui, na wɔyeyɛɛ wɔn ho kronkron, na wɔde ɔhyew afɔre baa AWURADE fi.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Da a wɔahyɛ wɔ ɔsram a ɛto so abien no dui no, ɔmanfo no kunkum wɔn Twam nguantenmma. Na asɔfo no ne Lewifo no ani wui nti, wodwiraa wɔn ho, na wɔde ɔhyew afɔre baa Awurade Asɔredan mu.