2 Chronicles 30:9 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Na sɛ mosane ba Awurade nkyɛn a, mo abusuafoɔ ne mo mma bɛnya ahummɔborɔ wɔ wɔn a wɔfaa wɔn nnommum no nsam, na wɔbɛtumi asane aba asase yi so. Ɛfiri sɛ, Awurade, mo Onyankopɔn yɛ ɔdɔ ne ahummɔborɔ. Sɛ mosane ba ne nkyɛn a, ɔrenyi nʼani mfiri mo so.”
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na sɛ mosane ba AWURADE nkyɛn a, mo nuanom ne mo mma bɛnya mmɔborɔhunu, wɔn a wɔfaa wɔn nnommum no nsam, na wɔasane aba asase yi so bio, na ɔdomfoɔ ne mmɔborɔhunufoɔ ne AWURADE mo Nyankopɔn, na sɛ mosane ba ne nkyɛn a, ɔrenyi n’ani mfiri mo so.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na sɛ mosane ba AWURADE nkyɛn a, mo nuanom ne mo mma bɛnya mmɔborɔhunu, wɔn a wɔfaa wɔn nnommum no nsam, na wɔasane aba asase yi so bio, na ɔdomfoɔ ne mmɔborɔhunufoɔ ne AWURADE mo Nyankopɔn, na sɛ mosane ba ne nkyɛn a, ɔrenyi n’ani mfiri mo so.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na sɛ mosan ba AWURADE nkyɛn a, mo nuanom ne mo mma benya mmɔborohunu, wɔn a wɔfaa wɔn nnommum no anim, na wɔasan aba asase yi so bio, na ɔdomfo ne mmɔborohunufo ne AWURADE mo Nyankopɔn, na sɛ mosan ba ne nkyɛn a, ɔrenyi n’ani mfi mo so.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Na sɛ mosan ba Awurade nkyɛn a, mo abusuafo ne mo mma benya ahummɔbɔ wɔ wɔn a wɔfaa wɔn nnommum no nsam, na wobetumi asan aba asase yi so. Efisɛ Awurade, mo Nyankopɔn yɛ ɔdɔ ne ahummɔbɔ. Sɛ mosan ba ne nkyɛn a, ɔrenyi nʼani mfi mo so.”