2 Chronicles 31:16 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Na wɔkyɛɛ mmarimaa a wɔadi mfeɛ mmiɛnsa rekɔ nyinaa akyɛdeɛ no bi a wɔn din wɔ wɔn abusuadua nwoma mu, a nso da biara wɔkɔ Awurade Asɔredan mu, kɔyɛ wɔn nnwuma a wɔde ahyɛ wɔn ekuo no nsa.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Ɛsono wɔn a wɔkan wɔn sɛdeɛ wɔn mmusua teɛ deɛ a wɔde ma mmarima a wɔadi mfeɛ mmiɛnsa de rekorɔ, wɔn a wɔba AWURADE fie bɛyɛ wɔn adwuma sɛdeɛ da biara deɛ teɛ, sɛ wɔn nkyekyɛmu teɛ no;
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Ɛsono wɔn a wɔkan wɔn sɛdeɛ wɔn mmusua teɛ deɛ a wɔde ma mmarima a wɔadi mfeɛ mmiɛnsa de rekorɔ, wɔn a wɔba AWURADE fie bɛyɛ wɔn adwuma sɛdeɛ da biara deɛ teɛ, sɛ wɔn nkyekyɛmu teɛ no;
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Ɛsono wɔn a wɔkan wɔn sɛ wɔn mmusua te, mmarima a wɔadi mfe abiɛsa de rekɔ, wɔn a wɔba AWURADE fi bɛyɛ wɔn adwuma sɛ da biara de te, sɛ wɔn nkyekyem te no;
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Na wɔkyɛɛ mmarimaa a wɔadi mfe abiɛsa rekɔ nyinaa akyɛde no bi a wɔn din wɔ wɔn anato nhoma mu, na da biara wɔkɔ Awurade Asɔredan mu, kɔyɛ wɔn nnwuma a wɔde ahyɛ wɔn kuw no nsa no.