2 Chronicles 31:21 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Deɛ Hesekia yɛeɛ nyinaa de som wɔ Onyankopɔn Asɔredan no mu, ne mmɔden a ɔbɔɔ sɛ ɔbɛdi ne mmara ne nʼahyɛdeɛ so no, ɔde nʼakoma nyinaa hwehwɛɛ ne Onyankopɔn. Ne saa enti, ɛmaa ɔnyaa nkɔsoɔ bebree.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na nneyɛɛ a ɔfirii aseɛ Nyankopɔn fie som mu ne mmara ne mmara nsɛm mu, de hwehwɛɛ ne Nyankopɔn no nyinaa, ɔde n’akoma nyinaa na ɛyɛeɛ, na ɛsii no yie.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na nneyɛɛ a ɔfirii aseɛ Nyankopɔn fie som mu ne mmara ne mmara nsɛm mu, de hwehwɛɛ ne Nyankopɔn no nyinaa, ɔde n’akoma nyinaa na ɛyɛeɛ, na ɛsii no yie.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na nneyɛe a ofii ase Onyankopɔn fi som mu ne mmara ne mmara nsɛm mu de hwehwɛɛ ne Nyankopɔn no nyinaa, ɔde ne koma nyinaa na ɛyɛe, na esii no yiye.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Nea Hesekia yɛɛ nyinaa de som wɔ Onyankopɔn Asɔredan no mu, ne mmɔden a ɔbɔɔ sɛ obedi ne mmara ne nʼahyɛde so no, ɔde ne koma nyinaa hwehwɛɛ ne Nyankopɔn. Ne saa nti, ɛma onyaa nkɔso bebree.