2 Chronicles 31:4 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Ɛno akyi, ɔhwɛɛ sɛ nnipa a wɔwɔ Yerusalem no de deɛ wɔnya mu kyɛfa a mmara no ka no bɛma asɔfoɔ no ne Lewifoɔ no, sɛdeɛ ɛbɛma wɔde wɔn ho nyinaa ahyɛ Awurade mmara no mu.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na ɔhyɛɛ nkurɔfoɔ a wɔte Yerusalem no sɛ wɔmfa asɔfoɔ ne Lewifoɔ no kyɛfa mma, na wɔasɔ AWURADE mmara no mu den.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na ɔhyɛɛ nkurɔfoɔ a wɔte Yerusalem no sɛ wɔmfa asɔfoɔ ne Lewifoɔ no kyɛfa mma, na wɔasɔ AWURADE mmara no mu den.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na ɔka kyerɛɛ nkurɔfo a wɔte Yerusalem no sɛ wɔmfa asɔfo ne Lewifo no kyɛfa mma, na wɔaso AWURADE mmara no mu den.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Ɔhyɛɛ sɛ nnipa a wɔwɔ Yerusalem no mfa nea wonya mu kyɛfa a mmara no ka no bɛma asɔfo no ne Lewifo no, sɛnea ɛbɛma wɔde wɔn ho nyinaa ahyɛ Awurade Mmara no mu.