2 Chronicles 31:6 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Nnipa a wɔtu firii Israel baa Yuda no ne Yudafoɔ no ankasa de wɔn anantwie ne wɔn nnwan so ntotosoɔ dudu ne nneɛma a wɔahyira so ama Awurade, wɔn Onyankopɔn no so ntotosoɔ dudu baeɛ. Wɔboaa ano ma ɛyɛɛ akuakuo akɛseakɛseɛ.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na Israel ne Yuda mma a wɔtete Yuda nkuro mu no, wɔn nso wɔde anantwie ne nnwan mu ntotosoɔ du du ne akronkronneɛ a wɔdwira wɔn ho ama AWURADE wɔn Nyankopɔn no mu ntotosoɔ du du bae, na wɔde bɛguu hɔ akuakuo.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na Israel ne Yuda mma a wɔtete Yuda nkuro mu no, wɔn nso wɔde anantwie ne nnwan mu ntotosoɔ du du ne akronkronneɛ a wɔdwira wɔn ho ama AWURADE wɔn Nyankopɔn no mu ntotosoɔ du du bae, na wɔde bɛguu hɔ akuakuo.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na Israel ne Yudafo a wɔtete Yuda nkurow mu no, wɔn nso wɔde anantwi ne nguan mu ntotoso du du ne akronkronne a wɔayɛ no kronkron ama AWURADE wɔn Nyankopɔn no mu ntotoso du du bae, na wɔde beguu hɔ akuwakuw.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Nnipa a wotu fii Israel baa Yuda no ne Yudafo no ankasa de wɔn anantwi ne wɔn nguan so ntotoso du du ne nneɛma a wɔahyira so ama Awurade, wɔn Nyankopɔn no so ntotoso du du bae. Wɔboaa ano ma ɛyɛɛ akuw akɛseakɛse.