2 Chronicles 31:8 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Ɛberɛ a Hesekia ne ne mpanimfoɔ bɛhunuu nneɛma dodoɔ no, wɔdaa Awurade ne ne nkurɔfoɔ Israel ase.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Ɛnna Hesekia ne asafohene no ba bɛhunuu nnoɔma akuakuo no, wɔhyiraa AWURADE ne ne man Israel.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Ɛnna Hesekia ne asafohene no ba bɛhunuu nnoɔma akuakuo no, wɔhyiraa AWURADE ne ne man Israel.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Ɛnna Hesekia ne mmapɔmma no bae behuu akuwakuw no, na wohyiraa AWURADE ne ne man Israel.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Bere a Hesekia ne ne mpanyimfo behuu nneɛma no dodow no, wɔdaa Awurade ne ne nkurɔfo Israel ase.