2 Chronicles 32:11 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Hesekia aka sɛ: ‘ Awurade, yɛn Onyankopɔn, bɛgye yɛn afiri Asiriahene nsam.’ Nokorɛm, Hesekia regyegye mo, ama ɛkɔm ne sukɔm akum mo!
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Ɛnyɛ nnaadaa na Hesekia redaadaa mo, ama moabɛwu ɛkɔm ne sukɔm mu, reka sɛ: AWURADE yɛn Nyankopɔn bɛyi yɛn Asiriahene nsam no?
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Ɛnyɛ nnaadaa na Hesekia redaadaa mo, ama moabɛwu ɛkɔm ne sukɔm mu, reka sɛ: AWURADE yɛn Nyankopɔn bɛyi yɛn Asiriahene nsam no?
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
So ɛnyɛ nnaadaa na Hesekia daadaa mo, rebɛma ɔkɔm ne osukɔm akunkum mo na ɔka sɛ: AWURADE yɛn Nyankopɔn beyi yɛn Asiria hene nsam, no?
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Hesekia aka se: ‘ Awurade, yɛn Nyankopɔn, begye yɛn afi Asiriahene nsam.’ Nokwarem, Hesekia regyigye mo ama ɔkɔm ne osukɔm akum mo!