2 Chronicles 32:13 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
“Nokorɛm, ɛsɛ sɛ mohunu deɛ me ne Asiria ahemfo a aka no ayɛ nnipa a wɔwɔ asase so. Anyame a na wɔwɔ saa aman no so no tumi gyee wɔn nkurɔfoɔ firii me tumi ase?
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Monnya nhunuu deɛ me ne m’agyanom ayeyɛ nsase so amanaman nyinaa no? Nsase so amanaman no anyame atumi agye wɔn nsase no me nsam anaa?
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Monnya nhunuu deɛ me ne m’agyanom ayeyɛ nsase so amanaman nyinaa no? Nsase so amanaman no anyame atumi agye wɔn nsase no me nsam anaa?
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
So munnya nhuu nea me ne m’agyanom ayeyɛ nsaase so amanaman nyinaa no? So nsaase so amanaman no anyame atumi agye wɔn nsaase no me nsam anaa?
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
“Nokware, ɛsɛ sɛ muhu nea me ne Asiria ahemfo a wɔaka no ayɛ nnipa a wɔwɔ asase so. Anyame a na wɔwɔ saa aman no so no tumi gyee wɔn nkurɔfo fii me tumi ase ana?