2 Chronicles 32:17 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Ɔhene no sane twerɛɛ nkrataa de buu Awurade, Israel Onyankopɔn animtiaa. Ɔtwerɛɛ sɛ: “Sɛdeɛ anyame a wɔwɔ aman ahodoɔ so antumi annye wɔn nkurɔfoɔ amfiri me tumi ase no, saa ara, na Hesekia Onyankopɔn nso bɛdi nkoguo.”
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na ɔtwerɛɛ nwoma nso de bɛbɔɔ AWURADE Israel Nyankopɔn no ahohora, kaa ne ho asɛm sɛ: Sɛ nsase so amanaman no anyame annye wɔn aman me nsam no, sɛ nso Hesekia nyame no renyi ne man me nsam ne no.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na ɔtwerɛɛ nwoma nso de bɛbɔɔ AWURADE Israel Nyankopɔn no ahohora, kaa ne ho asɛm sɛ: Sɛ nsase so amanaman no anyame annye wɔn aman me nsam no, sɛ nso Hesekia nyame no renyi ne man me nsam ne no.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na ɔkyerɛw nhoma nso de bɛbɔɔ AWURADE, Israel Nyankopɔn no ahohora kaa ne ho asɛm sɛ: Sɛ nsaase so amanaman no anyame annye wɔn aman me nsam no, sɛ nso Hesekia nyame no renyi ne man me nsam ne no.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Ɔhene no san kyerɛw nkrataa de buu Awurade, Israel Nyankopɔn animtiaa. Ɔkyerɛw se: “Sɛnea anyame a wɔwɔ aman ahorow so antumi annye wɔn nkurɔfo amfi me tumi ase no, saa ara na Hesekia Nyankopɔn nso bedi nkogu.”