2 Chronicles 32:22 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Saa ɛkwan yi na Awurade faa so de gyee Hesekia ne Yerusalem manfoɔ nkwa, firii Asiriahene Sanaherib ne wɔn a wɔhunahuna wɔn no nyinaa nsam. Enti, ɛmaa asomdwoeɛ baa asase no so nyinaa.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Saa na AWURADE gyee Hesekia ne wɔn a wɔte Yerusalem no nkwa firii Asiriahene Sanaherib ne nnipa nyinaa nsam, na ɔmaa wɔn ho tɔɔ wɔn afa nyinaa hyiae.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Saa na AWURADE gyee Hesekia ne wɔn a wɔte Yerusalem no nkwa firii Asiriahene Sanaherib ne nnipa nyinaa nsam, na ɔmaa wɔn ho tɔɔ wɔn afa nyinaa hyiae.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Sɛɛ na AWURADE gyee Hesekia ne wɔn a wɔte Yerusalem no nkwa Asiria hene Senakerib ne nnipa nyinaa nsam, na ɔmaa wɔn ho tɔɔ wɔn afa nyinaa hyiae.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Saa ɔkwan yi na Awurade faa so de gyee Hesekia ne Yerusalem manfo nkwa fii Asiriahene Sanaherib ne wɔn a wohunahuna wɔn no nyinaa nsam. Enti ɛmaa asomdwoe baa asase no so nyinaa.