2 Chronicles 32:23 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Ɛfiri saa ɛberɛ no, aman a atwa wɔn ho ahyia no de obuo ne anidie a ɛnni kabea maa ɔhene Hesekia, na wɔde akyɛdeɛ bebree a ɛyɛ Awurade dea kɔɔ Yerusalem, na wɔde nneɛma a ɛsom bo kɔmaa Ɔhene Hesekia nso.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na nnipa bebree de ayɛyɛdeɛ brɛɛ AWURADE wɔ Yerusalem, na wɔde aboɔdenneɛ brɛɛ Yudahene Hesekia, na wɔmaa no so amanaman nyinaa ani so, yeinom akyi.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na nnipa bebree de ayɛyɛdeɛ brɛɛ AWURADE wɔ Yerusalem, na wɔde aboɔdenneɛ brɛɛ Yudahene Hesekia, na wɔmaa no so amanaman nyinaa ani so, yeinom akyi.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na nnipa bebree de ayɛyɛde brɛɛ AWURADE wɔ Yerusalem, na wɔde aboɔdenne brɛɛ Yuda hene Hesekia, na wɔmaa no so amanaman nyinaa ani so, eyinom akyi.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Efi saa bere no, aman a atwa wɔn ho ahyia no de obu ne nidi a enni kabea maa ɔhene Hesekia, na wɔde akyɛde bebree a ɛyɛ Awurade dea kɔɔ Yerusalem, na wɔde nneɛma a ɛsom bo kɔmaa Ɔhene Hesekia nso.