2 Chronicles 32:25 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Nanso, Hesekia anyɛ adɔeɛ a wɔyɛ kyerɛɛ no no so adeɛ, na mmom, ɔbɛyɛɛ ahantan. Enti, Awurade abufuo baa ɔno, Yuda ne Yerusalem nyinaa so.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Nanso ɔyɛ maa no no, Hesekia anhyɛ no ananmu sɛdeɛ yie a ɔyɛ maa no no teɛ, na mmom n’akoma yɛɛ ahantan, na AWURADE abufuo baa ɔno ne Yuda ne Yerusalem so.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Nanso ɔyɛ maa no no, Hesekia anhyɛ no ananmu sɛdeɛ yie a ɔyɛ maa no no teɛ, na mmom n’akoma yɛɛ ahantan, na AWURADE abufuo baa ɔno ne Yuda ne Yerusalem so.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Nanso ɔyɛ maa no no, Hesekia antua n’aboade, na ɔmaa ne ho so mmom, na abufuw baa ɔno ne Yuda ne Yerusalem so.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Nanso Hesekia anyɛ adɔe a wɔyɛ kyerɛɛ no no so ade, na mmom, ɔbɛyɛɛ ahantan. Enti Awurade abufuw baa ɔno, Yuda ne Yerusalem nyinaa so.