2 Chronicles 32:27 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Hesekia nyaa ne ho, na wɔbuu no yie. Ɔsisii adekoradan sononko bi a ɔkoraa ne dwetɛ, sikakɔkɔɔ, aboɔdemmoɔ, nnuhwam, nʼakyɛm ne ne nneɛma a ɛsom bo pii no wɔ mu.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na Hesekia nyaa ne ho ne animuonyam pii, na ɔyɛɛ adekorabea maa dwetɛ ne sika ne abohene ne aduhwam ne akyɛm ne afɛfɛdeɛ nyinaa
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na Hesekia nyaa ne ho ne animuonyam pii, na ɔyɛɛ adekorabea maa dwetɛ ne sika ne abohene ne aduhwam ne akyɛm ne afɛfɛdeɛ nyinaa
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na Hesekia nyaa adedodow ne anuonyam bebree, na ɔyɛɛ adekorabea maa dwetɛ ne sika ne abohene ne aduhuam ne akyɛm ne mfɛfɛwade nyinaa,
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Hesekia nyaa ne ho, na wobuu no yiye. Osisii adekoradan sononko bi a ɔkoraa ne dwetɛ, sikakɔkɔɔ, aboɔden abo, nnuhuam, ne nkatabo ne ne nneɛma a ɛsom bo pii no wɔ mu.