2 Chronicles 32:8 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Ɛwom sɛ ɔwɔ akodɔm kɛseɛ deɛ, nanso wɔyɛ nnipa kɛkɛ. Yɛwɔ Awurade, yɛn Onyankopɔn a ɔbɛboa yɛn, adi ako ama yɛn.” Saa nsɛm a Hesekia, Yudahene kaeɛ yi hyɛɛ ɔmanfoɔ no nkuran bebree.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Ɔno deɛ, honam nsa na ɛne no wɔ hɔ, na yɛn deɛ, AWURADE yɛn Nyankopɔn na ɔne yɛn wɔ hɔ, sɛ ɔbɛboa yɛn na wako yɛn ko ama yɛn. Ɛnna ɔman no de wɔn ho too Yudahene Hesekia nsɛm no soɔ.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Ɔno deɛ, honam nsa na ɛne no wɔ hɔ, na yɛn deɛ, AWURADE yɛn Nyankopɔn na ɔne yɛn wɔ hɔ, sɛ ɔbɛboa yɛn na wako yɛn ko ama yɛn. Ɛnna ɔman no de wɔn ho too Yudahene Hesekia nsɛm no soɔ.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Ɔno de, ɔhonam nsa na ɛne no wɔ hɔ, na yɛn de, AWURADE yɛn Nyankopɔn na ɔne yɛn wɔ hɔ sɛ ɔbɛboa yɛn na wako yɛn dɔm ama yɛn. Ɛnna ɔman no de wɔn ho too Yuda hene Hesekia nsɛm no so.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Ɛwɔ mu sɛ ɔwɔ asraafodɔm kɛse de, nanso wɔyɛ nnipa kɛkɛ. Yɛwɔ Awurade, yɛn Nyankopɔn a ɔbɛboa yɛn adi ako ama yɛn.” Saa nsɛm a Hesekia, Yudahene kae yi hyɛɛ ɔmanfo no nkuran bebree.