2 Chronicles 32:9 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Ɛberɛ a Asiriahene Sanaherib gu so retua Lakis kuro no, ɔsomaa mpanimfoɔ kɔɔ Yerusalem sɛ wɔmfa saa nkra yi nkɔma Hesekia ne ne manfoɔ a wɔwɔ kuro no mu nyinaa:
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Yei akyiri no, Asiriahene Sanaherib somaa ne nkoa maa wɔbaa Yerusalem, na ɔno deɛ, na ɔwɔ Lakis ho, na wɔn a na ɔdi wɔn soɔ nyinaa ka ne ho, ma wɔbɛka kyerɛɛ Yudahene Hesekia ne Yuda nyinaa a wɔwɔ Yerusalem no sɛ:
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Yei akyiri no, Asiriahene Sanaherib somaa ne nkoa maa wɔbaa Yerusalem, na ɔno deɛ, na ɔwɔ Lakis ho, na wɔn a na ɔdi wɔn soɔ nyinaa ka ne ho, ma wɔbɛka kyerɛɛ Yudahene Hesekia ne Yuda nyinaa a wɔwɔ Yerusalem no sɛ:
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Eyi akyi no, Asaria hene Senakerib somaa ne nkoa baa Yerusalem, na ɔno de, ɔne n’asraafo nyinaa abɔ Lakis ho nsra, na wɔbɛka kyerɛɛ Yuda hene Hesekia ne Yudafo a wɔwɔ Yerusalem no nyinaa sɛ:
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Bere a Asiriahene Sanaherib gu so retua Lakis kurow no, ɔsomaa mpanyimfo kɔɔ Yerusalem sɛ wɔmfa saa nkra yi nkɔma Hesekia ne ne manfo a wɔwɔ kurow no mu nyinaa: