2 Chronicles 33:15 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Manase sane tutuu amamfrafoɔ anyame fifirii mmepɔ no so. Ɔsane tutuu anyame ne ahoni no firii Awurade Asɔredan mu. Ɔbubuu afɔrebukyia a wasisi wɔ bepɔ so, baabi a Asɔredan no si, ne afɔrebukyia a ɛwɔ Yerusalem nyinaa, na ɔkɔto guu kuropɔn no mfikyire.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na ɔyii ananafoɔ anyame ne ahoni no firii AWURADE fie ne afɔrebukyia a ɔsisii no AWURADE fie bepɔ soɔ ne Yerusalem no nyinaa, na ɔkɔtoto guu kuro no akyi.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na ɔyii ananafoɔ anyame ne ahoni no firii AWURADE fie ne afɔrebukyia a ɔsisii no AWURADE fie bepɔ soɔ ne Yerusalem no nyinaa, na ɔkɔtoto guu kuro no akyi.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na oyii ananafo anyame ne ahoni no fii AWURADE fi, ne afɔremuka a osisii AWURADE fi bepɔw so ne Yerusalem no nyinaa, na ɔkɔtotow guu kurow no akyi.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Manase san tutuu ananafo anyame fii mmepɔw no so. Ɔsan tutuu anyame ne ahoni no fii Awurade Asɔredan mu. Obubuu afɔremuka a wasisi wɔ bepɔw so, faako a Asɔredan no si, ne afɔremuka a ɛwɔ Yerusalem nyinaa, na ɔkɔtow guu kuropɔn no mfikyiri.