2 Chronicles 34:12 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Adwumayɛfoɔ no de nokorɛdie yɛɛ adwuma. Yahat ne Obadia a wɔyɛ Lewifoɔ a wɔfiri Merarifoɔ abusua mu, ne Sakaria ne Mesulam a wɔyɛ Lewifoɔ a wɔfiri Kohatfoɔ abusua mu na wɔhwɛɛ adwumafoɔ no so. Lewifoɔ a aka a wɔn nyinaa wɔ nnwontodeɛ ho nimdeɛ no,
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na mmarima no yɛɛ adwuma no nokorɛdie mu. Wɔn so ahwɛfoɔ a wɔsisiiɛ no ne: Yohat ne Obadia, Lewifoɔ a wɔfiri Merari mma mu ne Sakaria ne Mesulam a wɔfiri Kohatfoɔ mma mu, sɛ wɔmpiapia adwuma no ne Lewifoɔ no mu wɔn a wɔnim dwontoɔ ho adeyɛ nyinaa;
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na mmarima no yɛɛ adwuma no nokorɛdie mu. Wɔn so ahwɛfoɔ a wɔsisiiɛ no ne: Yohat ne Obadia, Lewifoɔ a wɔfiri Merari mma mu ne Sakaria ne Mesulam a wɔfiri Kohatfoɔ mma mu, sɛ wɔmpiapia adwuma no ne Lewifoɔ no mu wɔn a wɔnim dwontoɔ ho adeyɛ nyinaa;
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na mmarima no yɛɛ adwuma no nokwaredi mu. Wɔn so ahwɛfo a wosisii no ne Yohat ne Obadia, Lewifo a wofi Merari mma mu, ne Sakaria ne Mesulam a wofi Kohatfo mma mu, sɛ wompiapia adwuma no ne Lewifo no mu wɔn a wonim dwonto ho adeyɛ nyinaa;
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Adwumayɛfo no de nokwaredi yɛɛ adwuma. Yahat ne Obadia a wɔyɛ Lewifo a wofi Merarifo abusua mu, ne Sakaria ne Mesulam a wɔyɛ Lewifo a wofi Kohatfo abusua mu na wɔhwɛɛ adwumayɛfo no so. Lewifo a wɔaka a wɔn nyinaa wɔ nnwontode ho nimdeɛ no,