2 Chronicles 34:24 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
‘Sɛdeɛ Awurade seɛ nie: Akyinnyeɛ biara nni ho sɛ, mɛsɛe saa kuro yi ne emu nnipa. Nnome a wɔatwerɛ wɔ nwoma mmobɔeɛ a moakenkane yi mu nyinaa bɛba mu.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Sɛ AWURADE seɛ nie: Hwɛ, mede adebɔne bɛba ha yi ne ɛhafoɔ so, mede nnome a wɔatwerɛ no nwoma a wɔkenkan no Yuda hene anim no mu nyinaa bɛba,
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Sɛ AWURADE seɛ nie: Hwɛ, mede adebɔne bɛba ha yi ne ɛhafoɔ so, mede nnome a wɔatwerɛ no nwoma a wɔkenkan no Yuda hene anim no mu nyinaa bɛba,
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Sɛ AWURADE se ni: Hwɛ, mede adebɔne bɛba ha yi ne ɛhafo so, mede nnome a wɔakyerɛw nhoma a wɔkanee Yuda hene anim no mu no nyinaa bɛba,
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
‘Sɛnea Awurade se ni: Akyinnye biara nni ho sɛ, mɛsɛe saa kurow yi ne emu nnipa. Nnome a wɔakyerɛw wɔ nhoma mmobɔwee a moakenkan yi mu nyinaa bɛba mu.