2 Chronicles 34:28 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Meremma amanehunu a mahyehyɛ atia kuropɔn yi ne emu nnipa no mma mu, kɔsi sɛ wobɛwu na wɔasie wo asomdwoeɛ mu. Worenhunu amanehunu a mede bɛba beaeɛ yi so.’ ” Enti, wɔsane de ɔbaa no nkra kɔmaa ɔhene no.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Hwɛ, wobɛto wo kɔn awu, na wɔasie wo wɔ da mu asomdwoeɛ mu, na adebɔne a mede mereba ha yi ne ɛhafoɔ soɔ no nyinaa deɛ w’ani renhunu. Na wɔde bɛbuaa ɔhene no.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Hwɛ, wobɛto wo kɔn awu, na wɔasie wo wɔ da mu asomdwoeɛ mu, na adebɔne a mede mereba ha yi ne ɛhafoɔ soɔ no nyinaa deɛ w’ani renhunu. Na wɔde bɛbuaa ɔhene no.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Hwɛ, mɛboa wo maka w’agyanom ho, na wɔbɛboa wo akɔ wo da mu asomdwoe mu, na adebɔne a mede mereba ha yi ne ɛhafo so no nyinaa w’ani renhu. Na wɔde bebuaa ɔhene no.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Meremma amanehunu a mahyehyɛ atia kuropɔn yi ne emu nnipa no mma mu, kosi sɛ wubewu na wɔasie wo asomdwoe mu. Worenhu amane a mede bɛba beae yi so.’ ” Enti wɔsan de ɔbea no nkra kɔmaa ɔhene no.